1
00:00:00,100 --> 00:00:04,300
Enuanom adɔfoɔ, mo nyinaa aba bio, me nua Paul.

2
00:00:04,300 --> 00:00:06,800
Ɛnɛ m'asane aba mo nkyɛn.

3
00:00:06,800 --> 00:00:11,500
Onyankopɔn nhyira wo, sɛ dɔfoɔ, ɛberɛ nyinaa wo hu me video a wode mmirika sɛ wobɛhwɛ.

4
00:00:11,500 --> 00:00:15,800
Anaasɛ mpo, wohwɛ wie a na wonso wo pass ama wo nua bi.

5
00:00:15,800 --> 00:00:18,200
Nyame nhyira wo sɛ woreyɛ saa.

6
00:00:18,200 --> 00:00:23,800
Saa video yi a worehwɛ yi, wobɛhu bi ɛwɔ YouTube, wobɛhu bi nso ɛwɔ Facebook.

7
00:00:23,800 --> 00:00:27,500
Afei nso TikTok nso, seisei no yɛde bi ato so.

8
00:00:27,500 --> 00:00:32,800
Ɛna afei yɛwɔ radio bi ɛwɔ online a yɛfrɛ no truth.fm.

9
00:00:32,800 --> 00:00:35,700
Wobɛsɛ wotie no, ɛyɛ radio.

10
00:00:35,700 --> 00:00:38,500
Na mmom ɛnyɛ video a.

11
00:00:38,500 --> 00:00:43,400
Wopɛ sɛ wotie only the audio no a, wobɛtumi adownloadi truth.fm.

12
00:00:43,400 --> 00:00:46,900
Saa FM yi ɛbase wɔ America.

13
00:00:46,900 --> 00:00:50,000
Afei nso, wokɔ Spotify a,

14
00:00:50,000 --> 00:00:55,600
me videos a mayɛ no nyinaa they are in audio form ɛwɔ Spotify. Wobɛtumi nso ahwɛ.

15
00:00:55,600 --> 00:00:59,300
Ɛdeɛn ɛnɛ awie me wɔ de brɛ mo?

16
00:00:59,300 --> 00:01:05,200
Me nua Paul, me ho yɛ paa. Sɛ wohu sɛ yɛto nnwom yi a, na ɛkyerɛ sɛ anigyeɛ wɔ hɔ.

17
00:01:05,200 --> 00:01:09,800
Adesua a yɛresua afa mmuadadiɛ ho no,

18
00:01:09,800 --> 00:01:14,200
me nsa dɔfoɔ ebia wonyaa yɛdikan no a ɛyɛ part 1 no ahwɛ.

19
00:01:14,200 --> 00:01:19,200
But wonyaa anhwɛ yɛ a, m'ada wo mpa wotie wei wie a, hwehwɛ no nso akyire kwan na hwɛ.

20
00:01:19,200 --> 00:01:23,800
Na mpo wohwɛ sɛ ɛho abanfa so ama wo a, wonso fa kɔma wo nua bi.

21
00:01:23,800 --> 00:01:28,400
Yɛse akɔmkyene ɛne mmuadadiɛ anaasɛ fasting.

22
00:01:28,400 --> 00:01:33,800
Brɔfo kasa no ɔse: Fasting that pleases the Lord.

23
00:01:33,800 --> 00:01:39,000
Mmuadadiɛ a ɛsɔ Awurade ani. Ɛno na me ne wo mmienu no yɛgu so a yɛrekyerɛ.

24
00:01:39,000 --> 00:01:42,200
Na yɛasua afiri video a ɛdikan no mu no sɛ:

25
00:01:42,200 --> 00:01:48,000
fasting ɛnyɛ adeɛ bi a na ɛyɛ ahyɛdeɛ mma mpo Jewfoɔ a na ɛdikan no.

26
00:01:48,000 --> 00:01:54,000
Na mmom na wɔwɔ afahyɛ bi a wɔdi a wɔfrɛ no sɛ Day of Atonement.

27
00:01:54,000 --> 00:01:57,400
Saa Day of Atonement no afiri ɛda no,

28
00:01:57,400 --> 00:02:00,500
ɛno mu na Onyankopɔn hyɛɛ wɔn sɛ:

29
00:02:00,500 --> 00:02:05,200
sɛ saa da no duruu a, saa afahyɛ no duru na wɔreyɛ a,

30
00:02:05,200 --> 00:02:09,800
wɔnhyɛ wɔn nipadua no anoyaa, ɛnteetee nipadua no.

31
00:02:09,800 --> 00:02:14,800
Kyerɛ sɛ wonni adeɛ, wonnom nsuo, sɛbe, wokɛne koraa wontumi ne no nna.

32
00:02:14,800 --> 00:02:19,600
Adeɛ a ɛyɛ anigyeɛ anaasɛ biribi a ɛde nipadua no pɛ no, twe wo ho firi ho.

33
00:02:19,600 --> 00:02:24,200
Saa afahyɛ yi na ɛyɛ afahyɛ a wɔyɛ de srɛ wɔn mmɔbɔbrɔhunu.

34
00:02:24,200 --> 00:02:28,400
Ɛno nti ɛduru hɔnom a, na ɛyɛ mmra kɛseɛ sɛ wobɛyɛ.

35
00:02:28,400 --> 00:02:35,400
Sɛ wanteetee nipadua no anaasɛ you don't, you know, go off that food or anything that, you know, give pleasure,

36
00:02:35,400 --> 00:02:37,800
ɛmma nipadua no anigyeɛ a,

37
00:02:37,800 --> 00:02:42,200
Nyankopɔn se: mɛtwa saa nipa koro no afiri me man mu.

38
00:02:42,200 --> 00:02:45,400
Nti ɛyɛ mmra a wɔde asodie too ho.

39
00:02:45,400 --> 00:02:51,500
Na ɛno akyiri no, na enni baabiara a ɛkyerɛ sɛ yɛfasti na woanyɛ fasti a Nyankopɔn ontie wo mpaebɔ.

40
00:02:51,500 --> 00:02:58,000
Deɛ ɛwɔ hɔ yɛ ne sɛ, apart from Jewish laws given to them by Israel no,

41
00:02:58,000 --> 00:03:04,200
the people had their own ceremonial laws and traditional laws that were made to appear as if they were God's laws.

42
00:03:04,200 --> 00:03:08,200
Sɛ mmra no a Onyankopɔn de maa Israelfoɔ no,

43
00:03:08,200 --> 00:03:11,500
ɛyɛ mmransɛm du no a ɔbaa bɛhunu mma wɔn no.

44
00:03:11,500 --> 00:03:16,500
Ebi wɔ hɔ a Israelfoɔ no ara de wɔn ara ankasa mmra akeka ho.

45
00:03:16,500 --> 00:03:22,800
Na mmra no bi wɔ hɔnom a, na ɛyɛ wɔn ara ankasa Phariseefoɔ ne atwerɛfoɔ no na ɛde aka ho ayɛ ama ɔman no.

46
00:03:22,800 --> 00:03:27,000
Ɛna wɔma ɛyɛɛ no sɛ ɛyɛ Nyankopɔn mmra sɛ wobɛkaeɛ a.

47
00:03:27,000 --> 00:03:32,800
Awurade Yesu kaa sɛ: mo atetesɛm ne mo tradition nti, mo sɛe Onyankopɔn asɛm.

48
00:03:32,800 --> 00:03:37,500
Asɛm sɛ deɛ ɛwɔ Nyankopɔn asɛm mu no, ɛna wɔn nso ahyehyɛ hyehyɛpɛ bi aka ho.

49
00:03:37,500 --> 00:03:40,200
Na wodeɛ yɛresua koraa wobɛhu.

50
00:03:40,200 --> 00:03:44,500
Adeɛ a yɛresua no ɛyɛ fasting. Na deɛ nti a mereka sei ne sɛ:

51
00:03:44,500 --> 00:03:49,500
wɔn ma fasting no bɛyɛɛ sɛ deɛ ɛyɛ Awurade mmra, woanyɛ a w'ato mmra.

52
00:03:49,500 --> 00:03:55,500
Ɛno nti na mekyerɛ sɛ, mmra bi wɔ hɔ a Onyankopɔn de maa Israelfoɔ no a yɛn nyinaa yenim wɔ Sinai bepɔ so.

53
00:03:55,500 --> 00:03:59,000
Na mmom Israelfoɔ no nso de biribi bɛkeka ho.

54
00:03:59,000 --> 00:04:05,200
Ebi nso wɔ hɔnom a, na ɛyɛ wɔn tradition, Nyame prensoma wɔn, ɛma wɔn yɛɛ, ɛnyɛ Nyame na ɛde maa wɔn.

55
00:04:05,200 --> 00:04:12,000
Pɛ na akwan wohu sɛ, ɔman biara, kuro biara, abusua biara ɛwɔ n'amammerɛ ɛne n'asɛnnɔasɛdeɛ.

56
00:04:12,000 --> 00:04:15,000
Saa nnoɔma no na Jewfoɔ no nso wɔ bi.

57
00:04:15,000 --> 00:04:21,000
Ɛnyɛ Nyankopɔn na ɛkaa sɛ wɔn nnyɛ pɔtee, nanso Nyame prensoma wɔn.

58
00:04:21,000 --> 00:04:25,500
Example, ebi ne saa aware dodow a na wɔn aware no.

59
00:04:25,500 --> 00:04:31,000
Wohu sɛ Bible mu baabiara nni hɔnom a yɛtee sɛ Nyankopɔn kaa saa da no sɛ ware mmienu anaasɛ ware mmiɛnsa.

60
00:04:31,000 --> 00:04:37,800
Nanso no, sɛ yɛba apam foforɔ no mu a, berɛ a Nyankopɔn baa honam mu sɛ Awurade Yesu Kristo no.

61
00:04:37,800 --> 00:04:42,000
Awurade Yesu berɛ a wɔde awaresɛm kɔtoo n'anim no, Awurade Yesu kyerɛɛ wɔn sɛ:

62
00:04:42,000 --> 00:04:48,000
wɔse: na adɛn nti na Mose maa ho kwan sɛ yɛtumi ware na yegyae yere no wɔ biribiara nti?

63
00:04:48,000 --> 00:04:54,500
Awurade Yesu sɛ: hwɛ, mo mmasuo nti na mo yɛ saa o. Na ahyɛaseɛ no, fiti aseɛ no a Nyankopɔn bɔɔ soro ne asaase no, na ɛnyɛ saa na ɛteɛ.

64
00:04:54,500 --> 00:04:59,800
Which means sɛ, Nyankopɔn ankasa Kristo Yesu nim sɛ ɛyɛ ɔman no ara na ɛyɛɛ saa,

65
00:04:59,800 --> 00:05:05,200
na ɛnyɛ adeɛ a Nyame na ɛkyerɛɛ wɔn sɛ ɔbɔɔ Adam na ɔyɛɛ mmaa mmienu maa Adam, anaasɛ wɔyɛɛ wɔn ara ankasa.

66
00:05:05,200 --> 00:05:10,500
Nnoɔma bi wɔ hɔnom a nipa na ɛde bɛkekaa ho, ɛna Nyankopɔn nso yɛɛ dinn wɔ ho.

67
00:05:10,500 --> 00:05:16,000
Seisei woankasa, wowɔ w'amammerɛ ne w'amanneɛ a woyɛ, ɛna Kristosom nso ɛda hɔ na woreyɛ.

68
00:05:16,000 --> 00:05:22,800
Sɛ w'anhwɛ yie na woma w'amammerɛ ne w'amanneɛ no kɔkata Kristosom so a, ɛhɔ na mfomsoɔ no yɛ dɛn, ɛba.

69
00:05:22,800 --> 00:05:28,500
Nnoɔma bebree wɔ hɔnom a nipa reyɛ wɔ Nyamesom mu na ɛyɛ wɔnom tradition, human tradition.

70
00:05:28,500 --> 00:05:33,800
Nipa amammerɛ na ɛde abɛwura Kristosom mu, ɛno na ɛyɛ a na ɛha adwene. W'ate aseɛ?

71
00:05:33,800 --> 00:05:39,200
Na ebi ne deɛ Jewfoɔ yi reyɛ yi sɛ wɔde wɔn ara ankasa amammerɛ rebɛwura Kristosom mu.

72
00:05:39,200 --> 00:05:45,000
Na amammerɛ biara a wɔde bɛwura Jewfoɔ som mu no, na amammerɛ biara a wɔde bɛwura mu no, ebi ne yie.

73
00:05:45,000 --> 00:05:47,800
Memma wo mfatoho bɛyɛ enum pɛ.

74
00:05:47,800 --> 00:05:51,000
Deɛ ɛdikan ne sɛ: hand washing before eating.

75
00:05:51,000 --> 00:05:57,200
Sɛ wɔn anhohoro, wonhohoro wo nsa na wobɛdidi a, na wɔn no to them no ɛyɛ bɔne sɛ wobɛdidi na woanhohoro wo nsa.

76
00:05:57,200 --> 00:06:03,800
Wokenkan Mark ti 7 nkyekyɛm 1 kɔpem 3 no, ɛhɔ Awurade Yesu wɔbɔɔ no soboɔ:

77
00:06:03,800 --> 00:06:08,200
Sɛ adɛn nti na wo ne w'asuafoɔ no morebɛdidi a monhohoro mo nsa? You understand?

78
00:06:08,200 --> 00:06:14,000
Te sɛ nea Nyankopɔn na ɛhyɛɛ mmra bi maa wɔn, nso wɔmfa no sɛ mmra a wɔde abɛka wɔn mmra ho.

79
00:06:14,000 --> 00:06:19,200
Deɛ ɛtɔ so mmienu ne plucking and eating grains on the Sabbath days.

80
00:06:19,200 --> 00:06:27,500
Ɛhɔ wɔnkasa tiaa Awurade Yesu Kristo sɛ: adɛn nti na homeda na monam rebubu aburoo anaasɛ wɔka no grains ɔnsɔ si aburoo, w'ate, wokae Twi no ara,

81
00:06:27,500 --> 00:06:31,000
na modi no homeda? Moatia mmra.

82
00:06:31,000 --> 00:06:36,500
Ɛmma Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ɛyɛ onipa nti na ɔyɛɛ homeda na ɛnyɛ homeda nti na ɔyɛɛ nipa.

83
00:06:36,500 --> 00:06:40,200
Na ɔno, homeda no a moka koraa no, ɔno ne Homeda Wura.

84
00:06:40,200 --> 00:06:45,500
Sɛ yɛ adeɛ a na anka wɔbubu homeda so a, Awurade Yesu wɔnkasa afisɛ homedadie no,

85
00:06:45,500 --> 00:06:50,000
Awurade Yesu no ara na ɛde maa wɔn wɔ Sinai bepɔ so, Onyankopɔn na ɛde maa wɔn wɔ Sinai bepɔ so.

86
00:06:50,000 --> 00:06:53,800
Nti na wɔbusua? Wɔmmusu. But bɛɛdeɛ Onyankopɔn mmra a ɔde ama nipa wɔbusuo.

87
00:06:53,800 --> 00:06:58,000
Nea na wɔmo se wɔbusuo no, na ɛnka mmra no ho. Nyankopɔn anka nkyerɛɛ wɔn saa.

88
00:06:58,000 --> 00:07:06,800
Sɛ homeda wontumi nidi, anaasɛ wohu sɛ anka ebi wɔ hɔ na aso na homeda wote wo nua ba ate ankaa no bi na odi a, yɛse wato mmra.

89
00:07:06,800 --> 00:07:11,500
Ɛno ɛna na wɔfrɛ no sɛ wɔato mmra, nti wei yɛ Jewfoɔ mmra.

90
00:07:11,500 --> 00:07:18,500
Ebi nso nso, why do, wɔbisaa Kristo Yesu sɛ: Why do your disciples not fast as John?

91
00:07:18,500 --> 00:07:23,800
W'ate aseɛ? Mark ti 2 nkyekyɛm 18 kɔsi 22. Adɛn nti na wo ne w'asuafoɔ monni mmuada?

92
00:07:23,800 --> 00:07:29,000
Wohu? Te sɛ deɛ mmuada ɛyɛ ahyɛdeɛ sɛ ɛwɔ sɛ wɔn nso yɛ dɛn, ɛyɛ.

93
00:07:29,000 --> 00:07:32,800
Na Yesu mmuaeɛ no ne nyinaa yɛbɛka ho asɛm.

94
00:07:32,800 --> 00:07:38,500
Afei nso mokae sɛ John ti 8 nkyekyɛm 1 kɔsi 7, ɔbaa bi a wɔhunuu sɛ ɔrekɔbɔ adwaman mmɔ so pɛ, adultery,

95
00:07:38,500 --> 00:07:44,500
wasɛe awareɛ. Wɔde baa Kristo Yesu hɔ sɛ: ɔbaa yi wasɛe awareɛ, na yɛn mmra mu no deɛ ɛwɔ sɛ saa ɔbaa yi owuo.

96
00:07:44,500 --> 00:07:51,500
Na Yesu kyerɛ, Yesu Kristo ankasa deɛ ɔkae ara ne sɛ: nea ɔnyɛɛ bɔne da no ɔndikan ntoo bɔne.

97
00:07:51,500 --> 00:07:58,000
Why? Wɔn mmra no kyerɛ sɛ obi rebɔ adwaman anaasɛ obi asɛe awareɛ a, yɛnsi n'abo. Saa na mmra no ka.

98
00:07:58,000 --> 00:08:03,000
Nokware mu no, ɛyɛ half-truth. Na ɛnokware no nyinaa no eguie.

99
00:08:03,000 --> 00:08:12,000
Enti wɔn ankasa nkorɔfoni foɔ, mmra no nso wokekan Leviticus 20:10 ɛne Deuteronomy 22:22 a,

100
00:08:12,000 --> 00:08:18,500
ɛse: sɛ ɔbaa ne barima mm, ɛkɔsɛe awareɛ anaasɛ wɔkɔbɔ adwaman a, ɔbaa ne barima no nyinaa no,

101
00:08:18,500 --> 00:08:24,000
deɛ wɔsɛe awareɛ no yɛse wɔmbo nku wɔn, ɛnyɛ ɔbaa no. Adɛn nti na ɔbaa no nko ara na wɔde no baa Awurade anim?

102
00:08:24,000 --> 00:08:28,000
Gye sɛ wɔn ankasa nkyerɛkyerɛ bi aka ho.

103
00:08:28,000 --> 00:08:35,500
Nyankopɔn se: ɔbaa ne barima asɛe saa awareɛ no a, yɛnsi wɔn mmienu aboo nku wɔn no, wɔmde ɔbaa no nko ara na wɔde no baae.

104
00:08:35,500 --> 00:08:39,000
Kyerɛ sɛ wɔn ankasa yɛɛ wɔn mmra ɛde aka ho.

105
00:08:39,000 --> 00:08:44,500
Ɛna obi nso kaae Luke ti 18 nkyekyɛm 12 no sɛ: Awurade wonim sɛ me, meyɛ fasting mprɛnu nawɔtwe.

106
00:08:44,500 --> 00:08:50,000
Hwan na ɛde saa mmra no baae sɛ yɛfasti mprɛnu nawɔtwe? Enni wɔn mmra no mu.

107
00:08:50,000 --> 00:08:55,200
But na wɔnom no de ayɛ sɛ ɛwɔ sɛ nawɔtwe biara no, wɔyɛ fasting mprɛnu.

108
00:08:55,200 --> 00:09:02,000
So these are the laws a na ɛnyɛ Nyankopɔn na ɛde maa wɔn, nanso Israelfoɔ no ara ankasa ɛde aka wɔn mmra no ho.

109
00:09:02,000 --> 00:09:05,800
Na mpo Phariseefoɔ no atwe nipa aso.

110
00:09:05,800 --> 00:09:14,200
Na anka kɔm de obi na homeda wahunu sɛ borɔferɛ bi si hɔ na wate adi a, ɛno no Phariseefoɔ no bɛtumi atwe w'aso, sɛ wate borɔferɛ adi homeda, kyerɛ sɛ mmɛnnidi.

111
00:09:14,200 --> 00:09:18,500
Sɔ w'ate aseɛ? Enti nnoɔma bebree ɛna nkorɔfoɔ yi de akeka Nyame asɛm ho.

112
00:09:18,500 --> 00:09:23,800
Nnɛ, saa na yɛn a yɛfrɛ yɛn ho sɛ Kristofoɔ bebree reyɛ.

113
00:09:23,800 --> 00:09:28,500
Wotie me a, ebi koraa wo koraa woyɛ saa nnoɔma no. Adɛn nti a?

114
00:09:28,500 --> 00:09:35,500
Biribi te sɛ Christmas a ɛnnɛ ewiase nyinaa redi, ɛne Easter, ebinom nso se yɛse Ash Wednesday,

115
00:09:35,500 --> 00:09:40,200
a eduru mmrɛ bi a yɛreyɛ wɔ Kristosom mu no.

116
00:09:40,200 --> 00:09:46,200
Saa Christmas no a yɛreyɛ wɔ Kristosom mu no, Bible mu fa he na saa adeɛ no wɔ sɛ Kristofoɔ wɔnyɛ? Enni!

117
00:09:46,200 --> 00:09:50,000
Enti wei nyinaa yɛ nipa tradition.

118
00:09:50,000 --> 00:09:55,500
Ɛyɛ nipa ahyɛdeɛ ɛna y'ayɛ wɔ ewiase, ɛna yɛde aba abɛwura Kristosom mu,

119
00:09:55,500 --> 00:10:00,500
te sɛ nea Christmas ne Easter ne Ash Wednesday ne saa nnoɔma no bɛkeka Nyamesom ho.

120
00:10:00,500 --> 00:10:04,500
Saa na na Jewfoɔ no reyɛ. Ɛna Nyankopɔn,

121
00:10:04,500 --> 00:10:10,200
ɛberɛ a Kristo Yesu baeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: mosɛe Nyankopɔn asɛm.

122
00:10:10,200 --> 00:10:14,800
Na ma yɛntie sɛdeɛ Awurade kaa no wɔ Mark asɛmpa ti 7 nkyekyɛm a ɛyɛ 7 ne 8 no.

123
00:10:14,800 --> 00:10:20,000
Tie asɛm a Awurade Yesu kaae. Ɛfa ɛyɛ nipa nkyerɛkyerɛ, the tradition of man,

124
00:10:20,000 --> 00:10:25,500
a yɛde bɛka Awurade asɛm. Te sɛ deɛ na Jewfoɔ no reyɛ, nti na wɔbɔ Kristo Yesu ne n'asuafoɔ no koraa kwan do,

125
00:10:25,500 --> 00:10:30,200
sɛ moyɛ sei, moyɛ sei, moyɛ sei, te sɛ nea wɔntie Nyankopɔn mmra.

126
00:10:30,200 --> 00:10:37,800
Yesu Kristo ka kyerɛɛ wɔn sɛ, meka brɔfo no ara: Mark ti 7 nkyekyɛm 7 kɔsi 8, ɔse:

127
00:10:37,800 --> 00:10:44,500
In vain do they worship me, right? Ɔse wɔsom me kwa. Teaching as doctrine the commandment of man.

128
00:10:44,500 --> 00:10:49,500
Adɛn nti na wɔsom me kwa? Fise wɔkyerɛkyerɛ nipa nkyerɛkyerɛ. W'ate aseɛ?

129
00:10:49,500 --> 00:10:55,000
Ɛna ɔtoa so ɔse: You leave the commandment of God and hold to the tradition of man.

130
00:10:55,000 --> 00:11:00,000
Ɔse namo gyaa Nyankopɔn ahyɛdeɛ hɔ, ɛna nipa nkyerɛkyerɛ ɛna modi soɔ.

131
00:11:00,000 --> 00:11:06,800
Te sɛ Christmas ne Easter ne deɛ ɛkeka keka ho no nyinaa, ɛyɛ nipa nkyerɛkyerɛ, ɛyɛ nipa tradition, ɛna yɛde abɛwura mu.

132
00:11:06,800 --> 00:11:11,500
Ɛna yɛn nso nyinaa yato agumu. Na aworohosɛm ne sɛ, tɔ da bi a Kristo asafo mma,

133
00:11:11,500 --> 00:11:18,000
ɛnsɛ Ghana deɛ mente mu bi, na amannɔne ha nom no, asafo no bi wɔ hɔnom a wɔn nso ɛduru hɔnom a na wɔreyɛ. Wokenkan a yese boi!

134
00:11:18,000 --> 00:11:22,800
But saa nnoɔma yi ɛnyɛ Nyankopɔn na ɛhyehyɛeɛ. Adeɛ a Yesu Kristo se yɛmfa nkae no,

135
00:11:22,800 --> 00:11:28,500
Yesu no ara ankasa ka ne nnoɔma asɛm. Wokenkan, ɛyɛ... wɔfrɛ no dɛn?

136
00:11:28,500 --> 00:11:35,500
Wɔ gospel no mu anaasɛ asɛmpa no mu a, Matthew ka bi, Mark, Luke ka bi. Ne nyinaa wɔ hɔ sɛ:

137
00:11:35,500 --> 00:11:41,000
momfa ɛyɛ paanoo ɛne bobesa nnyɛ me nkaeɛ.

138
00:11:41,000 --> 00:11:46,800
Paul nso bɛsii so Korintofoɔ mma a ɛdikan no ti a ɛyɛ 11 nkyekyɛm a ɛyɛ 23 ne 24,

139
00:11:46,800 --> 00:11:51,500
ɔse na me nso deɛ menyaa firii Awurade Yesu hɔ no, ɛno ara na menim, ɛno ara na mede mama mo.

140
00:11:51,500 --> 00:11:58,000
Sɛ Awurade Yesu anadwo a wɔbɛyi no ama no, ɔfaa paanoo na ɔbubuu mu na ɔde maa n'asuafoɔ no sɛ: monyɛ wei na momfa nkae me.

141
00:11:58,000 --> 00:12:04,000
Na afei n'akyi no nso no, ɔfaa kuruwa no a bobesa san wom no na ɔkaa sɛ: na monnom na wei ne mogya a nipa nyinaa nti mefie guo,

142
00:12:04,000 --> 00:12:08,800
na dabiara a mobɛno mobɛdidi na mobɛnom no, moyɛ yie ɛyɛ dɛn, ɛde kae me.

143
00:12:08,800 --> 00:12:12,800
Na mode pae Kristo Yesu wuo mu kɔkɔ si sɛ ɔbɛba.

144
00:12:12,800 --> 00:12:18,500
Enti sɛ wohwɛ a, adeɛ a Kristo Yesu se Kristofoɔ yɛmfa nkae no a, ɛne saa Lord's Supper yi.

145
00:12:18,500 --> 00:12:25,000
Nanso Easter firi hene? Ash Wednesday firi he? Christmas firi he?

146
00:12:25,000 --> 00:12:30,000
Wei nyinaa ɛyɛ nipa nkyerɛkyerɛ, ɛna yɛde aba abɛwura ɛyinom.

147
00:12:30,000 --> 00:12:35,500
Na wokenkan Mark ti 7 nkyekyɛm 9 no, tie asɛm a ɔkaeɛ, NLT no sɛ:

148
00:12:35,500 --> 00:12:43,000
Then he said, Yesu kaa sɛ: You skillfully side-step God's law in order to hold on to your own tradition.

149
00:12:43,000 --> 00:12:48,000
Kristo Yesu se moayɛ adeɛ paa sɛ moakwene Nyankopɔn asɛm no.

150
00:12:48,000 --> 00:12:53,800
Kyerɛ sɛ mode Nyame asɛm no ato nkyɛn, ɛna moankasa nipa ahyɛdeɛ so na modi.

151
00:12:53,800 --> 00:13:00,000
Ebinom koraa adeɛ a yɛfrɛ no Lord's Supper, Awurade deɛ wonnim, nso Christmas hei! Eduru a,

152
00:13:00,000 --> 00:13:07,000
ewiase nyinaa wɔn a wɔnkɔ asɔre koraa no, ɛgye saa adeɛ yi ntom. Hwan? Nyankopɔn asɛm no ne deɛ ɔkyerɛ ankasa no deɛ ato nkyɛn,

153
00:13:07,000 --> 00:13:12,500
ɛna wei nom na yɛyɛ. Wobɛhunu Kristoni bi gyina hɔ na wagyegye no ho: aane ɛno deɛ, ɛno deɛ medi.

154
00:13:12,500 --> 00:13:18,500
Me nua, me ɛnyɛ mfomsoɔ, ɛnha me, menka no sɛ ɛnha me. Sɛ wobɛdi saa adeɛ no a, ɛyɛ, ɛmma wo.

155
00:13:18,500 --> 00:13:24,200
Na mmom sɛ wode bɛwura Kristo Yesu asafo no mu deɛ a, ɛhɔ deɛ na mpena wonya adwene koraakoraakoraa.

156
00:13:24,200 --> 00:13:29,200
Efisɛ Kristo Yesu n'asafo no, ɔnka saa. Ɔse, asafo no mu no,

157
00:13:29,200 --> 00:13:34,800
yɛwɔ nhwɛsoɔ a yɛhwɛ so na yɛgyina de som, na yɛ asomafoɔ no nhwɛsoɔ a wɔde toɔ hɔ maa yɛn.

158
00:13:34,800 --> 00:13:40,200
Asomafoɔ Nnwuma no ti 2 nkyekyɛm a ɛyɛ 42 no a, ɔse Kristosom hyɛaseɛ no na wɔnom koraa asomafoɔ no nkyerɛkyerɛ.

159
00:13:40,200 --> 00:13:45,500
Mebisa wo sɛ asomafoɔ no nkyerɛkyerɛ no, na Buronya a yɛfrɛ no Christmas no ka ho?

160
00:13:45,500 --> 00:13:48,800
Asomafoɔ nkyerɛkyerɛ no na Easter ka ho?

161
00:13:48,800 --> 00:13:54,500
Asomafoɔ nkyerɛkyerɛ saa mmankonsom kwasida anaa mmankonsom wukuada no na ɛka ho?

162
00:13:54,500 --> 00:14:00,200
Wei nyinaa ɛyɛ tradition of men, nipa na ahyɛhyɛ, ɛna monso so moyɛ dɛn, modi so.

163
00:14:00,200 --> 00:14:04,800
Me nuanom, mepɛ wei de akyerɛ sɛ,

164
00:14:04,800 --> 00:14:10,200
fasting no, sɛ nkorɔfoɔ no de attack Kristo Yesu sɛ ɔne n'asuafoɔ no ɛnyɛ fasting no.

165
00:14:10,200 --> 00:14:13,800
Na ɛnyɛ Jewfoɔ no koraa na ɛnyɛ wɔnom mmra.

166
00:14:13,800 --> 00:14:18,500
Deɛ ɛkɔyɛɛ mmra ɛne saa Day of Atonement no afahyɛ bi a na wɔdi no,

167
00:14:18,500 --> 00:14:22,200
ɛna ɔkaa sɛ wɔnteetee wɔn nipadua no. But apart from that no, na ɛnyɛ.

168
00:14:22,200 --> 00:14:28,200
Efisɛ fasting no ankasa no, Israelfoɔ no di fasting no wɔ nnoɔma bebree so. Israel awerɛhow a, ɔyɛ akɔmkyene.

169
00:14:28,200 --> 00:14:34,800
Sɛ biribi awu a, ɔyɛ akɔmkyene. Sɛ ɔyɛ bɔne tia Nyankopɔn a, ɔyɛ akɔmkyene. Enti adeɛ no abɛyɛ wɔn tradition,

170
00:14:34,800 --> 00:14:38,200
abɛyɛ adeɛ bi a na wɔnom ayɛ, te sɛ yɛn Akanfoɔ.

171
00:14:38,200 --> 00:14:44,500
Sɛnea naano merekaeɛ no, ɛnnɛ ɛna sɛ obi wu a wobɛhwɛ no na yɛanoa nnuane na yɛadi, abrɔkyele fruntom dahɔ.

172
00:14:44,500 --> 00:14:48,000
But kane no na nka ɛnte saa. Akanfoɔ amammerɛ ɛte sɛ Israelfoɔ pɛpɛɛpɛ.

173
00:14:48,000 --> 00:14:54,200
Na wɔnom yɛ akɔmkyene, na ɛde kyerɛ wɔn ya a wɔyɛ dɛn, wɔwɔ mu.

174
00:14:54,200 --> 00:14:58,800
Me nuanom, sɛ yɛba ɛyɛ Apam Foforɔ no mu a, Kristo Yesu akyerɛkyerɛ Jewfoɔ no.

175
00:14:58,800 --> 00:15:05,200
Kae sɛ, sɛ yɛka Apam Foforɔ no a, yɛn deɛ yɛ Bible no yɛhunu no sɛ from Matthew to Revelation.

176
00:15:05,200 --> 00:15:10,200
But sɛ woreyɛ Matthew, Mark, Luke, and John a, nkɔmmɔ a ɛkɔɔ so nyinaa na ɛyɛ Kristo Yesu ne Jewfoɔ no nkɔmmɔ.

177
00:15:10,200 --> 00:15:17,000
Enti Kristo Yesu ɔka saa mmuadadiɛ ho asɛm Matthew asɛmpa ti 6 nkyekyɛm 16 ne 18 no.

178
00:15:17,000 --> 00:15:22,800
Na ɔkyerɛ Jewfoɔ no kwan pa a wɔmbɛfa so ayɛ saa fasting no, efisɛ na deɛ wɔyɛ no wɔyɛ no nyaatwom kwan so.

179
00:15:22,800 --> 00:15:28,200
Na kae sɛ Yesu Kristo berɛ a ɔbaaeɛ no na Kristosom nnhyɛɛ aseɛ no.

180
00:15:28,200 --> 00:15:33,800
Nnoɔma bi a na Jewfoɔ no reyɛ no, na ɔmopɛ sɛ wɔyɛ no kwan papa so,

181
00:15:33,800 --> 00:15:38,500
ansa na ɔno ankasa ne deɛ ɔde reba no a ɛyɛ Apam Foforɔ no ɛberɛ no aba.

182
00:15:38,500 --> 00:15:43,200
Ɔno Apam Foforɔ no hyɛase Kristo Yesu ewuo n'akyi. Ɛberɛ a owuiɛ ase no nyane so no,

183
00:15:43,200 --> 00:15:49,500
na Asomafoɔ Nnwuma ti 2 no, ɛna Kristo Yesu apam no hyɛaseɛ. Enti hɔnom no na yɛnni Jewfoɔ som mu bio.

184
00:15:49,500 --> 00:15:53,800
Ɛhɔnom no na afei yaba Kristosom ayɛ dɛn, ahyɛaseɛ.

185
00:15:53,800 --> 00:15:58,800
Nti berɛ a Kristosom hyɛaseɛ no, Kristo Yesu kyerɛɛ nkorɔfoɔ no, asɛm a ɔkaeɛ bio ne sɛ:

186
00:15:58,800 --> 00:16:04,500
And when you fast, sɛ mobɔ, moyɛ akɔmkyene a, do not make it obvious,

187
00:16:04,500 --> 00:16:07,500
monnyɛ mo anim bobosaw sɛdeɛ nyaatwomfoɔ yɛ.

188
00:16:07,500 --> 00:16:15,000
For they try to look miserable and disheveled so people will admire that they are fasting, sɛnea ɛbɛyɛ a nipa bɛhunu sɛ wɔnom rebɔ mpaeɛ.

189
00:16:15,000 --> 00:16:21,500
And I tell you the truth, that is the only reward they ever get, nokware mereka kyerɛ mo sɛ wɔnom anya wɔn akatua dada.

190
00:16:21,500 --> 00:16:26,000
But when you fast, still talking to the Jews, sɛ morebɔ mpaeɛ ne n'asuafoɔ no a na ɛgyina n'akyi,

191
00:16:26,000 --> 00:16:33,000
ɔse sɛ moyɛ akɔmkyene a, comb your hair, nunu wo tirim, and wash your face, na ɛyɛ dɛn, hohoro w'anim.

192
00:16:33,000 --> 00:16:38,500
And then no one will notice that you are fasting, Awurade Yesu reka ɛno ara ne sɛ, mommɔ dawuro no mo anim.

193
00:16:38,500 --> 00:16:47,000
Ɛnnɛ asɔre bi a ɛreyɛ fasti a, na yɛde abɛto social media: 3 days from November 3rd to hwan hwan we are fasting.

194
00:16:47,000 --> 00:16:51,500
Kristo Yesu se: ɛmmɔ dawuro no w'anim. Efisɛ fasting no,

195
00:16:51,500 --> 00:16:56,500
ɛkyerɛ the seriousness a wo ne wo Nyankopɔn rebɛkasa. Ɛno ara no no. M'ate aseɛ?

196
00:16:56,500 --> 00:17:02,500
Yesu Kristo yɛ Jewnii nti no, saa Jewfoɔ no, sɛ na wɔrebɔ mpaeɛ no wɔde fasting no ka ho a,

197
00:17:02,500 --> 00:17:07,800
ɛkyerɛ sɛdeɛ wɔn ani abere a, te sɛ nea woreyɛ a, wagyae na worekɔ kooko mu na wopɛ sɛ ɔne no kasa.

198
00:17:07,800 --> 00:17:11,500
Ɔno na ɔwɔ sɛ oyie de kyerɛ no, na ɛnyɛ nipa. W'ate aseɛ?

199
00:17:11,500 --> 00:17:17,000
Ɔse: Then no one will notice that you are fasting except the Father who knows what you do in private,

200
00:17:17,000 --> 00:17:21,500
wo Agya no a ɔhu kokwam no, na wo Agya no bɛtua wo ka.

201
00:17:21,500 --> 00:17:26,500
Matthew ti 6 nkyekyɛm 16 to 18 no, asɛm a Yesu Kristo kaeɛ no no.

202
00:17:26,500 --> 00:17:34,500
Na mereka biribi sɛ, Phariseefoɔ no they accused Jesus for not what, fasting like the Pharisees and John's apostles, sorry.

203
00:17:34,500 --> 00:17:40,200
Wɔbɔɔ Yesu kɔndua sɛ: adɛn nti na ɔno ne n'asuafoɔ no enni mmuada sɛnea Yohane di mmuada no?

204
00:17:40,200 --> 00:17:44,500
So, Mark ti 2 nkyekyɛm 18 to 22.

205
00:17:44,500 --> 00:17:51,500
Nti asɛm a ɔkaeɛ, ɔse: Once when John's disciples and the Pharisees were fasting, some people came to Jesus and asked:

206
00:17:51,500 --> 00:17:56,000
Why don't your disciples fast like John's disciples and the Pharisees do?

207
00:17:56,000 --> 00:18:01,000
But Jesus replied them: Do wedding guests fast while celebrating with the groom?

208
00:18:01,000 --> 00:18:06,000
Yesu se: ayeforɔkunu no wɔ hɔ no, wohwɛ a wɔmbɛdi mmuada anaa?

209
00:18:06,000 --> 00:18:09,000
Adɛn nti na w'asuafoɔ no nso enni mmuada?

210
00:18:09,000 --> 00:18:14,200
Sɛ ɛyɛ mmra a ɛwɔ sɛ Jewfoɔ di so a, Yesu answer no a ɔde maa wɔn no ɛyɛ wrong, cause ɛyɛ mmra.

211
00:18:14,200 --> 00:18:18,500
Nti sɛ ayeforɔkunu wɔ hɔ o sɛ ɔnni hɔ o, ɛwɔ sɛ wɔdi mmuada.

212
00:18:18,500 --> 00:18:24,000
But Yesu nim sɛ wei nyɛ Nyankopɔn na ɛhyehyɛɛ saa mmra no maa wɔn. Nti question no a ɔbisaa wɔn no, sua ho!

213
00:18:24,000 --> 00:18:29,200
Ɛna ɔse: of course not, ɛnyɛ adeɛ a yɛfrɛ wɔ hɔ na yɛn ani agye na yeredidi na obi nni mmuada.

214
00:18:29,200 --> 00:18:36,500
And they can't fast while the groom is with them. But someday the groom will be taken away from them, and then they will fast.

215
00:18:36,500 --> 00:18:42,500
Ɔse berɛ bi bɛduru a ayeforɔkunu no wɔbɛfa wɔn afiri ne nkyɛn, na ɛhɔ ansa na wɔbɛdi mmuada.

216
00:18:42,500 --> 00:18:47,500
Na ɔka sɛ Kristo Yesu bɛfiri nkorɔfoɔ no nkyɛn, na ɛhɔ na wɔbɛdi mmuada.

217
00:18:47,500 --> 00:18:52,500
Enti na you know, aseɛ ne sɛ, yɛbɛtoa so na wobɛhu nea Yesu kyerɛ.

218
00:18:52,500 --> 00:18:57,500
Ɔse: besides ɛno akyiri no, Who will patch an old clothing in a new cloth?

219
00:18:57,500 --> 00:19:03,000
Ɛna obisaa wɔn sɛ: hwan ɛna ɔde ntoma dada bɛtɛ ntoma mono bɛtɛ ntoma dada mu?

220
00:19:03,000 --> 00:19:08,000
For the new patch will shrink and rip off from the old cloth.

221
00:19:08,000 --> 00:19:13,800
Ɔse ɛba saa a, ntoma mono no a wode atɛ dada mu no, ɛbɛbrɛ na nteteɛ no bɛyɛ kɛseɛ.

222
00:19:13,800 --> 00:19:22,800
Nti obiara nni hɔnom a, wowɔ ntoma dada a ewuo, ntoma no wode wo nsa som anaa sɛ asunsuani, na woakɔfa ntoma mono sɛ wode bɛtɛ akata patch no mu.

223
00:19:22,800 --> 00:19:28,000
Yesu se obiara nni hɔ a ɔyɛ saa. Adɛn nti na Yesu ka saa asɛm yi?

224
00:19:28,000 --> 00:19:33,800
Wɔm se adɛn na wonyɛ fasting na Yesu de saa asɛm yi ba bɛto hɔ, na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ sɛn? Me nua dwen ho!

225
00:19:33,800 --> 00:19:39,000
Ebia wakan da but w'adwene mmaa saa nsɛm yi so, deɛ nti a Yesu kaa saa.

226
00:19:39,000 --> 00:19:44,500
Ɔkaeɛ bio ɔse: And no one puts new wine into an old wineskin.

227
00:19:44,500 --> 00:19:50,800
Ɔse: obiara nni hɔ a ɔde nsa bɛgu nsankotokuo a ayɛ brɛmu. W'ate aseɛ?

228
00:19:50,800 --> 00:19:56,000
For the wine will burst the wineskin and the wine and the skin will be lost.

229
00:19:56,000 --> 00:20:01,800
Tie Yesu kyerɛkyerɛ no a, ne sɛ: ɔka sɛ ntoma dada na mode bɛtɛ ntoma mono mu a,

230
00:20:01,800 --> 00:20:08,500
wɔnom mmra ɛne ceremonial law ne saa nnoɔma nnoɔma no a na wɔreyɛ no, Yesu kyerɛ sɛ montumi mfa me nwura foforɔ no a me mede reba no mu.

231
00:20:08,500 --> 00:20:13,500
Ɛne sɛ, obi, sɛbe, egu ne nsa a ne ho nte. Obi ɛne sɛbe ne kunu ada ɔsɔre a ne ho nte.

232
00:20:13,500 --> 00:20:18,500
Sɛnea wobisaeɛ sɛ adɛn na woanyɛ fasting, nti woanyɛ fasting a Nyankopɔn nhu wo no.

233
00:20:18,500 --> 00:20:22,800
Saa nnoɔma wei nyinaa ɛyɛ mo mmra dada ne nnoɔma nnoɔma.

234
00:20:22,800 --> 00:20:26,500
Enti Kristo Yesu se: You cannot bring this into the new one.

235
00:20:26,500 --> 00:20:30,000
Sɛ woyɛ saa a, you are causing more problem. W'ate aseɛ?

236
00:20:30,000 --> 00:20:36,500
Ɛno ɛna afei wokekan Asomafoɔ Nnwuma ti a ɛyɛ 15, Acts chapter 15 firi verse 1 a ɛkɔ.

237
00:20:36,500 --> 00:20:41,500
Ɛno na na Jewfoɔ no a abɛyɛ Kristofoɔ no, na wɔnom pɛ sɛ Kristofoɔ no a aba no sɛ Gentile Christians no wɔnom yɛ.

238
00:20:41,500 --> 00:20:46,800
Wɔm se: hwɛ, gye sɛ mokɔdi Mose mmra no so na yɛtwa mo twetia, anyɛ saa heven homonkɔ.

239
00:20:46,800 --> 00:20:53,800
Ɛna asomafoɔ no se: boi, deɛ asɛm na moka no? Saa mmra yi a wɔmodi so yi na ɛyɛ kɔnmuadeɛ ma wɔn a wɔn koraa ntumi ansoa.

240
00:20:53,800 --> 00:20:58,000
Adɛn nti na mopɛ sɛ mode saa kɔnmuadeɛ bɛto yɛn so?

241
00:20:58,000 --> 00:21:02,800
Tie ne Kristo Yesu asɛm no a ɔreka no sɛ saa mmra dada no: Why do you want to bring into the new?

242
00:21:02,800 --> 00:21:08,200
Enti wɔm bisaa no fasting ho asɛm deɛ, but Yesu kaa saa no, ɛrekyerɛ wo sɛ:

243
00:21:08,200 --> 00:21:13,000
nnoɔma bi wɔ hɔnom a mommfa mmɛwura mfa mmɛteetee nkorɔfoɔ.

244
00:21:13,000 --> 00:21:17,500
W'ate aseɛ? Does it mean sɛ fasting nyɛ anaa? Daabi, ɛnyɛ saa na yɛreka ho asɛm.

245
00:21:17,500 --> 00:21:24,200
Fasting ɛyɛ nipa no ne nnoɔma bi a woreyɛ, ɛde akyerɛ the seriousness ɛwɔ hɔ.

246
00:21:24,200 --> 00:21:30,800
But ɛnyɛ mmra sɛ wobɛyɛ no mmrankenten sɛ, sɛ nipa no sɛ woanyɛ fast a, wobɔ mpaeɛ a Nyankopɔn ntie.

247
00:21:30,800 --> 00:21:35,000
Daabi, ɛnyɛ saa na Yesu repakyere. W'ate aseɛ?

248
00:21:35,000 --> 00:21:42,200
Ɛno nti, wontumi mfa ɛyɛ ntoma dada ɛmma ɛmmɛwura ntoma mono mu ɛmma no nyɛ dɛn, ɛnyɛ yie.

249
00:21:42,200 --> 00:21:46,800
Me nuanom, atwerɛ bi adeɛ a ɛconfuse yɛn kakra ne yie:

250
00:21:46,800 --> 00:21:52,000
Hwɛ, yɛwɔ menka sɛ two quotations yi na memfa mmerɛ wieɛ.

251
00:21:52,000 --> 00:21:58,800
Matthew asɛmpa ti 17 nkyekyɛm a ɛyɛ 21 no, wo Twi Bible no akenkan hɔ.

252
00:21:58,800 --> 00:22:04,500
Ɛna Mark ti 9 nkyekyɛm a ɛyɛ 29 no. Ne nyinaa ka asɛnkoro.

253
00:22:04,500 --> 00:22:12,000
Na saa asɛm yi, wɔ Brofo Bible no, ɛyɛ version a yɛfrɛ no King James Version, ɛna ɔde saa adeɛ yi, wokenkan a ɔde hyɛ hɔ.

254
00:22:12,000 --> 00:22:18,800
King James Version bɛkan ɔse: Howbeit this kind goeth not out but by prayer and fasting, nkan a ɛhyɛ hɔ.

255
00:22:18,800 --> 00:22:27,500
Ɛna wokae Mark deɛ no nso a, Mark 9:29 nso ɔse: And he said unto them, this kind can come forth by nothing but by prayer and fasting.

256
00:22:27,500 --> 00:22:34,800
Wokan yei Twi Bible no a, ɔse saa adeɛ deɛ na adebɔne ntumi nkɔ gye mpaebɔ ɛne mmuadadiɛ anaasɛ gye mpaebɔ ne akɔmkyene.

257
00:22:34,800 --> 00:22:38,000
Ebia wo Twi Bible no kan saa de bɛma wo.

258
00:22:38,000 --> 00:22:46,200
But wɔn a ahyia, wɔfrɛ no dɛn, ɛyɛ Bible scholars, yɛ Bible hwehwɛmufoɔ no, ɛhunu yie sɛ yɛn Twi Bible no ɛne King James Bible no,

259
00:22:46,200 --> 00:22:52,000
wohwɛ a manuscript no a King James no yiyi firii mu no, ɛno ara na yɛde twerɔɔ yɛn Twi Bible no.

260
00:22:52,000 --> 00:22:57,500
Na nhwehwɛmu akyerɛ sɛ, manuscripts a wɔnom nso copied the same a yei no, emu biara nni hɔnom a,

261
00:22:57,500 --> 00:23:04,000
wɔnom de saa asɛm no hyɛɛ hɔ sɛ: na saa deɛ deɛ na adebɔne ntumi ntu gye mpaebɔ ɛne mmuadadiɛ.

262
00:23:04,000 --> 00:23:08,200
Kyerɛ sɛ, woamfa mmuadadiɛ anka mpaebɔ ho a adeɛ no ɛnnyɛ yie.

263
00:23:08,200 --> 00:23:16,200
Wɔn adwene yɛ hu sɛ, ɛyɛ scribes no, ɛyɛ Jewfoɔ atwerɛfoɔ no ɛna wɔde saa adeɛ no hyɛɛ hɔ. Just to, you know, obronii sɛ,

264
00:23:16,200 --> 00:23:22,800
they inserted it just to harmonize Matthew and Mark's accounts. Since the other manuscript no you don't find it in it.

265
00:23:22,800 --> 00:23:29,200
Adɛn nti na saa manuscript no nko ara na ɛka, saa other manuscripts a ɛka the same subject no obiara nni hɔnom a ɔde hyɛɛ mu?

266
00:23:29,200 --> 00:23:36,500
Sɛ wokenkan Bible version biara na woduru Matthew 17:21 no a, wobɛhunu sɛ ɛhɔ 21 no nni hɔ.

267
00:23:36,500 --> 00:23:43,500
But wohwɛ ebia note, the notes no a ɛwɔ aseɛ no a, na wɔde 21 no aba anɔwɔ aseɛ hɔ, other manuscripts ɛna ɛyɛ dɛn, ɛkasa.

268
00:23:43,500 --> 00:23:48,000
Sua ho! Ɛno nti me nuanom, deɛ merepakyow no ne sɛ:

269
00:23:48,000 --> 00:23:54,000
deɛ wokan no wo Twi book no, Twi Bible no mu, sɛ gye sɛ mpaebɔ ne akɔmkyene no,

270
00:23:54,000 --> 00:23:58,800
ɛnyɛ adeɛ a wohu ɛwɔ English Bible no bebree mu. W'ate aseɛ?

271
00:23:58,800 --> 00:24:05,000
Efisɛ Nyankopɔn anka baabiara sɛ sɛ woamfa akɔmkyene deɛ a mentie wo mpaebɔ. Daabi, Awurade anka no saa.

272
00:24:05,000 --> 00:24:12,000
Efisɛ fasting no ankasa no, deɛ ɛma nipa yɛ ne sɛ, ɛma nipa twi n'adwene si mpaeɛ a ɔreyɛ no so.

273
00:24:12,000 --> 00:24:18,500
Nti me nuanom, aha ɛna yɛde ɛnɛ deɛ yi bɛsi. Na ɔfã a ɛtɔ so mmiɛnsa no, nsɛmbɔ papaapa.

274
00:24:18,500 --> 00:24:23,800
Ɛno na yɛde dwumadie no nyinaa bɛwie. Ɔfã a ɛtɔ so mmiɛnsa no yɛbɛhwɛ sɛ Kristosom mu no,

275
00:24:23,800 --> 00:24:30,000
fasting ɛyɛ ahyɛdeɛ mma yɛn? Already na yɛasua yi, ɛbɛboa wo ma woahu sɛ ɛnyɛ ahyɛdeɛ. W'ate aseɛ?

276
00:24:30,000 --> 00:24:36,500
Na afei yɛaka sɛ: nti sɛ obi yɛ fasting a, ɛma no yɛ kronkron kyɛn wɔn a aka nyinaa anaa?

277
00:24:36,500 --> 00:24:43,000
Na deɛ ɛtwa toɔ no: sɛ awarefoɔ moyɛ fasting a, mobɛtumi ada?

278
00:24:43,000 --> 00:24:49,500
Anaasɛ fasting no nti no yentumi nna, na mmom yɛda a ɛyɛ bɔne anaasɛ yɛda a ɛyɛ mfomsoɔ anaa?

279
00:24:49,500 --> 00:24:55,500
Can married couples make love during the prayer and fasting period, or it is a taboo to do that?

280
00:24:55,500 --> 00:25:00,800
Ɛno ɛna yɛbɛhwɛ. Nyame nhyira wo sɛ wotie kɔ w'anim daa.

281
00:25:00,800 --> 00:25:07,000
Me nuanom, sɛ wohwɛ na sɛ saa adesua yi ho abanfa so ama wo a, fa kɔma obi na ɔno nso ntie bi,

282
00:25:07,000 --> 00:25:12,500
sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mfasoɔ ɛbɛba ne ho ama no. Na afei nso no, subscribe to my channel no,

283
00:25:12,500 --> 00:25:19,000
mhm, my YouTube channel, Facebook, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nsɛm a ɛte sei no wo nsa bɛka bi.

284
00:25:19,000 --> 00:25:24,200
Me nuanom, mayɛ wei nso so brɔfo. Nti sɛ wofeel sɛ obi nte Twi no anaasɛ obi ntumi nte Twi n'asɛm yie a,

285
00:25:24,200 --> 00:25:28,800
hwɛ brɔfo deɛ no na fa kɔma no. Yedin no da so ara ne:

286
00:25:28,800 --> 00:25:34,200
The Fasting that Pleases the Lord. Nyame nhyira wo.

287
00:25:34,200 --> 00:25:36,500
Bye-bye!