TruthFM Ghana (Akan Language)

Nnyinasoɔ Mmoano (Summary)

Mpaebɔ ne adesua yi fa "Ɔnyankopɔn Anwonwadeɛ Anaa Sɛ Nsenkyerɛnee A Ɔyɛ Wɔ Ɛnnɛ Da Yi" (God's Miracles For Today) ho. Ɔkasafoɔ no kyerɛkyerɛ mu sɛ nnipa bebree wɔ adwene a ɛnsɛ fa anwonwadeɛ ne nsenkyerɛnee ho; bebree hwehwɛ anwonwadeɛ na wɔde asiesie wɔn asetena anaa wɔn awadeɛ, na ɛnyɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔgye Ɔnyankopɔn adi anaa wɔyɛ asetie ma n'asampa.
Ɔde Mateo 12:38-39 di dwuma de kyerɛ sɛ Yesu wuo, ne sie, ne ne soreɛ (asampa no) ne nsenkyerɛnee kɛseɛ a ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ani si so, mmom ɛnyɛ nsenkyerɛnee hunu akyi a yɛdi. Ɔsan nso bɔ kɔkɔ fa adiyifoɔ ne asofoɔ adaadaafoɔ a wɔde nsenkyerɛnee fa so daadaa nnipa no ho (2 Corinto ne 2 Timoteo 4:3-4).
Wɔ anwonwadeɛ ne nsenkyerɛnee asekyerɛ (C.S. Lewis nhwɛsoɔ) mu no, nsenkyerɛnee yɛ nimdeɛ/tumi bi a ɛtumi adane abɔdeɛ hyɛberɛ (supernatural interference with nature). Ɔnyankopɔn tumi nni ano, enti sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ anwonwadeɛ a, ɔbɛtumi ayɛ aberɛ biara. Nanso, kwan titiriw a Ɔnyankopɔn nam so yɛ adwuma wɔ onipa abrabo mu no dɔɔso wɔ "non-miraculous" (kwan a ɛnyɛ anwonwadeɛ) mu. Ɔde nhwɛsoɔ ahodoɔ a ɛwɔ Twerɛkronkron no mu te sɛ: Yesu awoɔ afa Maria hɔ, Lazarus nyaneɛ a ɔwuu nnansa/nnan, ne abrantie a wɔwoo no oni fraeɛ ayaresa no to hɔ de kyerɛ sɛdeɛ nokware anwonwadeɛ teɛ, firi nea ɛkɔ so nnɛ yi ho.

Nkyekyɛmu ne Berɛ (Chapters with Timestamps)
  • 00:00:00 – Mpaebɔ ne adesua no ahyeaseɛ ("God's Miracles For Today")
  • 00:01:36 – Asɛmbisa: Ɔnyankopɔn da so yɛ anwonwadeɛ ɛnnɛ anaa?
  • 00:03:07 – Adwene a ɛnsɛ a nnipa wɔ fa nsenkyerɛnee ne anwonwadeɛ hwehwɛ ho
  • 00:04:16 – Israel foɔ bakɔsɛm ne nsenkyerɛnee a wɔhunueɛ
  • 00:05:41 – Farisifoɔ bisaseɛ ne Yesu mmuaeɛ fa odiyinfoɔ Yona nsenkyerɛnee ho (Mateo 12:38-39)
  • 00:07:06 – Asampa (Kristo wuo, ne sie, ne ne soreɛ) no nko ara
  • 00:08:34 – Ɔbonsam adaadaa, 2 Corinto foɔ ne 2 Timoteo 4:3-4 kɔkɔbɔ
  • 00:11:22 – C.S. Lewis kyerɛkyerɛ nsenkyerɛnee / miracle ase (Supernatural Interference)
  • 00:13:25 – Ɔnyankopɔn tumi (God's power has no limitation)
  • 00:16:15 – Kwan mmienu a Ɔnyankopɔn fa so yɛ adwuma: Miraculous ne Non-miraculous intervention
  • 00:18:08 – Twerɛkronkron mu anwonwadeɛ 1: Yesu awoɔ (Virgin Birth vs Test-tube babies)
  • 00:20:27 – Twerɛkronkron mu anwonwadeɛ 2: Lazarus nyaneɛ firi awufoɔ mu (Yoane 11)
  • 00:22:06 – Twerɛkronkron mu anwonwadeɛ 3: Abrantie a wɔwoo no no ni fraeɛ ayaresa (Yoane 9)

Creators and Guests

Host
Paul Offin

What is TruthFM Ghana (Akan Language)?

I became a Christian 44 years ago in Ghana. A married man with 3 young adult children, all believers.
I am a staff Nurse in Scotland, UK but have been actively involved in teaching and preaching the gospel for many years. Also very active from the last 7 years on social media with the gospel. I'm on Facebook, YouTube, tiktok, and Spotify. The name I use online is Paul Offin Bible Class or Paul Offin Teaching.

Anansa yi, me ne me nua Paul, me wɔ ɛyɛ adesua a

nnipa bebree ani gye saa adesua yi ho, a wɔpɛ sɛ wɔte aseɛ yie,

na ɛno ɛne anwummerɛ yi mepɛ sɛ me ne wo kyɛ.

Adeɛ baako a mededi Nyankopɔn din srɛ wo ne sɛ,

sɛ wote saa adesua yi a, mesrɛ wo, mma emfa enhye wo ho.

Mmom mmoa ma wo nua bi ntie bi, na etumi aboa yɛn nyinaa

sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nkwagyeɛ a yɛn nyinaa yɛpɛ no yɛn nsa bɛka.

Nim sɛ wɔn a wɔtie ɛyɛ m'asɛm yi, ɛmufa kɛseɛ no ara

ɛyɛ wɔn a wɔni animuonyam wɔ Awurade mu, na boa,

ma yɛn nyinaa nso yɛnyɛ Awurade dwuma, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nnipa bɛhu nokorɛ no.

Abretiawa bi, ma yɛmbɔ mpaeɛ mfa yɛn ho nhyɛ Awurade nsa.

Ɔsoaboaffoɔ, bio yɛaba w'anim o, sɛdeɛ yɛaba w'anim daa no.

Mamesrɛ wo ɛne sɛ w'akowaa wɔnam me so wo, ɛde wo nokorɛ sɛm wo a,

papa wo de ato hɔ ama nnipa no, wɔnam me so bɛkasa kyerɛ ɛyɛ amansan.

Sɔ wo abaayewa dwene ho, afei nsem a mɛkenkan amfri me ti mu,

atiefɛɔ nyinaa hyɛ wɔn nsa, ka obiara ho, ma no obiara nhwɛ no nsi no yie.

Yɛda wo ase sɛ wotie yen wɔ Yesu din mu. Amen.

Anuonom, dɔmfiri mu, adesua a me ne wo bɛsua no,

wɔato din sɛ: "God's Miracles For Today",

Ɔnyankopɔn anwonwadeɛ anaa sɛ nsenkyerɛnee a ɔyɛ wɔ ɛnnɛ da yi.

Ɔnyankopɔn anwonwadeɛ ne nsenkyerɛnee wɔ ɛnnɛ da yi.

Adesua baako a, ɛyɛ obroni bɛsua sɛ "confusion" aba mu paaa,

anaa sɛ ɛma adwene yɛ kinsirini na, ɛyɛ saa adeɛ yi a mepɛ sɛ me ne wo susu ho yi.

Ɛne sɛ: Ɔnyankopɔn ɛnnɛ mberɛ yi a mekasa yi, ɔda so yɛ anwonwadeɛ anaa sɛ wa gyae?

Akyristofoɔ emu akyikyie wɔ saa asɛm yi ho.

Ebinom susu sɛ, Ɔnyankopɔn tumi yɛ anwonwadeɛ ɛnnɛ bio.

Obi koraa sɛ Ɔnyame ɛnyɛ anwonwadeɛ bia.

Obi nso sɛ, ɛyɛ Ɔnyame bɛtumi ayɛ, na ɛnnɛ deɛ ɔnyɛ.

Me nnuanom, yɛnkɔ Twerɛkronkron no, na twerɛ no ankasa nkyerɛ yɛn,

sɛdeɛ ɛnnɛ mberɛ yi mu Ɔnyankopɔn ɛyɛ n'adwuma fa.

Sɛ biribi bɛtumi ɛtia Ɔnyankopɔn, sɛ ne tumi a ɔwɔ no,

ɔntumi mfa nyɛ adwuma bio wɔ anaa?

Anaa sɛ Ɔno ara Ɔnyankopɔn ne tumi no, ɛberɛ a ɔpɛ ɛna ɔde yɛ adwuma.

Mɛse saa adesua yi, ɛyɛ adesua a nnipa bebree ɛtia,

na ayɛ wɔn adwene mu kinsirini.

Titiriw ɛfa nyangwonwadeɛ a Ɔnyame ɔyɛ no ɛnnɛ da yi ho.

Me nnuanom, nnipa bebree ɛgye di,

na ɛsɛ Ɔnyankopɔn ɛyɛ anwonwadwuma ɛnnɛ.

Na ebinom nso sɛ, Ɔnyame ɛnnɛ ɔnyɛ anwonwadwuma.

Ɛnnɛ enti yɛbisa sɛ, nnipa a ɛnnɛ da yi wɔnom se wɔm yɛ anwonwadwuma no,

ɛfri Ɔnyankopɔn anaa sɛ ɛnfri Ɔnyankopɔn?

Anwonwadeɛ ɛne nsenkyerɛnee ɛyɛ adeɛ a nnipa ani hwe na di akyire

efri Yesu Kristo pɛn so, ɛbɛpɛm Ɔnnɛ,

na nnipa ɛda so ɛpɛ ansenkyerɛnee ɛne anwonwadeɛ akyi kwan.

Na adeɛ a ɔmo a mepɛ sɛ w'ohwɛ ne sɛ,

pɛ a nnipa ɛpɛ ansenkyerɛnee ne anwonwadeɛ no,

ɛno ɔntyerɛ sɛ nnipa ebinom, ayɛ wɔn adwene sɛ afei na wɔpɛ sɛ wɔgye Nyame di,

na wɔhwɛ ansenkyerɛnee ne anwonwadeɛ bi ansa na wɔagye Ɔnyankopɔn adi.

Mmom deɛ ɛkyerɛ titiriw ne sɛ, nnipa bebree susu sɛ sɛdeɛ nasena mu teɛ no,

wɔhia nsenkyerɛnee bi na nasena ayɛ yie.

Enti saa awadeɛ no ɛnkɔso a, wɔhia sɛ wɔnya ansenkyerɛnee ne anwonwadeɛ bi

ansa na na awadeɛ no etumi ayɛ yie.

Na ɛno titiriw ɛna nnipa ɛhwehwɛ ɛyɛ anwonwadeɛ ne nsenkyerɛnee,

sɛ wɔn ankasa wɔn asetena mu ɛbɛsi ayɛ yie enti.

Na ɛnyɛ sɛ bia, ɔpɛ kwan a ɔbɛfa so,

na wɔagye Ɔnyankopɔn adi anaa sɛ afei no wɔayɛ asetie ama Ɔnyankopɔn enti.

Mɛka w'adwene sɛ, Ɔnyankopɔn yɛɛ ansenkyerɛnee ne anwonwadeɛ bebree wɔ Israel man anim.

Nanso saa ansenkyerɛnee ne anwonwadeɛ a Awurade yɛeɛ nyinaa no,

ɛmmpusu Israel foɔ sɛ wɔmbɛsan sakra wɔn adwene.

Mmom no sɛ wotee Israel bakɔsɛm a,

na wɔnom yɛ man a wɔm tayi ɛpri wɔn akoma papa pa,

na ɛberɛ nyinaa no wɔm akoma kɔ ekodii ɛyɛ abosomkyi.

Wɔn ansenkyerɛnee ne anwonwadeɛ a Ɔnyankopɔn yɛeɛ nyinaa.

Na ɛno ɛna ma me ne wo mienu no yɛhu ampa sɛ,

ɛnyɛ ansenkyerɛnee ne anwonwadeɛ a nnipa pɛ no,

ɛnyɛ wɔn adwene ne sɛ yɛpɛ neɛ deɛ asom Nyame,

mmom na adwene ne sɛ ɔpɛ nsasaeɛ wɔ n'abrabo mu,

ɛno enti ɛna ɔdi wei nim akyire.

Afei nso sɛ yɛhwɛ Yesu Kristo a, ɔbae asase yi so no,

ɔyɛɛ ansenkyerɛnee ne anwonwadeɛ bebree wɔ Farisifoɔ mpo a na wɔyɛ n'atanfoɔ no,

ɔyɛɛ saa anwonwadeɛ ne nsenkyerɛnee wɔ wɔn anim a, wɔnom annya anwoyie bia.

Hwɛ, ɛberɛ a ɔyɛɛ saa anwonwadeɛ ne nsenkyerɛnee,

ɛberɛ na nka wɔsɛ Farisifoɔ hunu saa anwonwadeɛ yi a ɔmo san sakra wɔn adwene no,

saa ɛberɛ no mu no, wunim deɛ na wɔm ɔka?

Sɛ Awurade, yɛpɛ nsenkyerɛnee ne anwonwadeɛ yi bi bio.

Sɛ w'ohwɛ ɛyɛ Mateo tirɛ 12, kyɛfa 38 kɔpe 39 no a, ɔse:

Ɛna atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no mu bi ka kyerɛɛ no sɛ: Ɔkyerɛfoɔ,

yɛpɛ sɛ yɛhunu nsenkyerɛnee ebi ɛfri wo hɔ.

Na buaɛ a Yesu se wɔn se, Yesu se wɔn se:

Ɛnnɛ mma adɔboyɛfoɔ ne awaresɛnfoɔ hwehwɛ nsenkyerɛnee,

nanso wɔremma wɔn nsenkyerɛnee biara gye odiyinfoɔ Yona nsenkyerɛnee no.

Me nnuanom, odiyinfoɔ Yona nsenkyerɛnee deɛ ɛyɛ ɛneɛn?

Ɔse sɛdeɛ Yona edii ɛyɛ apataayɛm nnansa awia ne anadwo no,

saa nso ɛna Onipa Ba no, ne nsenkyerɛnee a ɔbɛyɛ ne sɛ,

ɔbɛba bɛdi asase yɛm nnansa awia ne anadwo.

Saa asɛm yi aseɛ ne sɛn?

Wɔnom a aba Yesu wɔ sɛ yɛpɛ nsenkyerɛnee,

Yesu se wote bɛya nsenkyerɛnee yɛ bi ɔno yɛnhwɛ, Yesu se:

Mennya nsenkyerɛnee biara mmammo, nsenkyerɛnee a me ba bɛyɛ amammo no,

ɛne sɛ, sɛdeɛ Yona edii apataayɛm nnansa.

Me nso mɛdi asase yɛm nnansa.

Deɛ ɔwɔ di asase yɛm nnansa no, na Yesu Kristo ɛka ɛyɛ ne wuo ho asɛm.

Ɛne wuro sɛ mprenfuo yi ɛpɛ nsenkyerɛnee,

na Yesu so ɛde ne wuo a ɔbɛwu no ɛna ɔse ɛno no ɔde ma wɔnom.

Nanso w'ohwɛ mu a, ampara, Kristo Yesu wuo ɛna ɛyɛ adeɛ a ɛwɔ sɛ yɛhwehwɛ akyire kwan,

ɛfiri sɛ ɛno na wɔfrɛ no sɛ asampa no.

Sɛ yɛka asampa a ɛyɛ gospel no a, Kristo wuo, ne sie ɛne ne soreɛ.

Ɛberɛ a nnipa ɛpre sɛ wɔwehwɛ nsenkyerɛnee no,

Kristo se wone hwɛ de ma wɔn sɛ nnipa mo bɛgye me wuo a me wueɛ no atom,

ɛne me soreɛ sɛ menam saa kwan no so ɛgye nnipa nkwa.

Me nnuanom, ɛberɛ a nnipa ɛpre pɛ nsenkyerɛnee no,

Kristo se ɔni ebi ɛmma wɔnom.

Deɛ Ɔnyankopɔn ɛhweɛ fri yɛn wɔ ɛnnɛ, ɛne sɛ nnipa bɛyɛ asetie ama asampa no.

Sɛsɛ, wobɛpre sɛ ɔpɛ nsenkyerɛnee, Sɛ nsenkyerɛnee a wɔpɛ no,

sɛ wɔde yɛ dɛn?

Ɛfiri sɛ, sɛ wogye tom sɛ Ɔnyankopɔn wɔ hɔ de a,

dɛn nsenkyerɛnee ben bio na wɔhwɛ, amansa na wɔagye adi sɛ Ɔnyankopɔn wɔ hɔ?

Na Paul ɛkaa saa asɛm yi sɛ, adeɛ a ɛyɛ Ɔnyankopɔn tumi na ɛde kɔ nkwagyeɛ mu,

ɛne asampa no. Na ɛno nso so na ne ni ɛngo ho.

Paul ankasa nsenkyerɛnee na ɔhwɛ.

Ɔse adeɛ a ma nnipa ɛkɔ nkwagyeɛ mu my asampa no,

enti ɔno ne ni ngo asampa no hɔ, sɛ ɔbɛka ama nnipa ateɛ.

Asampa no ɛkyerɛ Kristo ne ne wuo, ne sie, ɛne ɛyɛ ne soreɛ.

Na ɛsɛ sɛ nnɛ, nnipa bebree ɛhwɛ nsenkyerɛnee ne anwonwadeɛ akyire kwan enti no,

ɛna ɔbonsam nso afa saa ɛkwan yi so,

na ɔnam, na w'ama n'asorefoɔ bebree adane wɔn ho sɛ han bɔfoɔ.

Wokɔ 2 Corinto foɔ nwoma no a, saa na Bible no ka,

ɔse ɔbonsam akyidifoɔ tumi da wɔn ho sɛ han bɔfoɔ.

Na wɔnom abɔ tayi, a hyɛ hyɛ coat akeseɛ,

kuta kuta Bible sɛdeɛ wɔmo fri Nyame, sɛ wɔnom ɛyɛ nsenkyerɛnee.

Adɛn enti a? Ɛno na ɛnnɛ nnipa ma ɛpɛ.

Obi pɛ nsenkyerɛnee wɔ n'abrabo mu, ɛnyɛ sɛ ɔpɛ sɛ ɔgye Nyame di,

mmom no nasena sɛdeɛ bɛyɛ yie, ɛno enti ɛna ɔte sɛ ɔsofoɔ wei,

yɛse ɔyɛ adeɛ na wɔduru hɔno.

Me nnuanom, wɔn a ɛpre ɛdi asofoɔ akyi nyinaa, sɛ ɛnyɛ awadeɛ a na yɛn adwuma,

ɛnyɛ adwuma a na akwantuo a wɔpɛ tue aburokyire a wɔpɛ sɛ wɔkɔ,

sɛ ɛnte saa a, na wɔkɔ sɛ, eii, ne nua bi ayɛ yie,

ma ɔsofoɔ no ɔntie biribi ngu ne so na ɔnsɛe no.

Saa nneɛma yi ɛna nnipa bebree ɛnam ɛdi saa nkorɔfoɔ a ɛse yɛyɛ nsenkyerɛnee no akyi.

Na Paul ɛtuo Timoteo fo.

Asɛm a ɔka kyerɛ Timoteo nie, wɔ Timoteo nwoma a ɛtɔ so mmienu no,

ti 4, kyɛfa mmiensa ɛkopɛ mmanai, ɔse:

Na ɛberɛ bi bɛba a, nnipa rentie nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ no,

Na nam sɛ wɔn aso m'yɛ wɔn hene enti, wɔbɛsoa nkyerɛkyerɛfoɔ aboaboa so,

na sɛdeɛ wɔn a wɔkɔ no tie no,

wɔbɛyi wɔn aso ɛfiri nokorɛ no ho, na wɔadane akɔtie anansesɛm.

Ɛnnɛ nokorɛsɛm a ɛyɛ asampa no, ɛfa Kristo Yesu wuo ne sie ne ne soreɛ a,

Awurade nam so sɛ nnipa bɛgye adi na yɛanya nkwa no,

ɛno no woka, kyerɛ sɛ, nnipa koraa mpɛ tie.

Mmom wɔpɛ deɛ n'aso m'yɛ no hene hene dɛdɛɛdɛ.

Ɔsofoɔ wei, takta heee, sɛsɛɛ nea w'ayɛ ama wo,

ɛno ɛna ɔpɛ na wɔdi akyire.

Me nnuanom, ensɛm bi me ka ne sɛ no, obi koraa bɛfuo a ɔmpɛ sɛ ɔbɛtie.

Mmom sɛ ɔte audio obi a, yɛse ɔsofoɔ bi yɛ se, eii,

w'ama woayɛ yie se, se, se, saa no,

neɛ ɔdi mmirika na ɔsɛnde mkorɔfoɔ sɛ muntie.

Me nnuanom, mommma yɛnnyɛ agents mma ɔsefoɔ no.

Mommba ɔbonsam ɛnyusueɛ ma yɛnnyɛ n'adwuma mma no.

Tie nokorɛsɛm a ɛbɛtumi ama wanya nkwagyeɛ,

sen sɛ wobɛhwe na w'adi insenkyerɛnee ne anwonwadeɛ akyi.

Ɛno ɛna ɔsefoɔ nam so ɛtwi nnipa bebree akɔ ɔseyɛm.

Sɛ yɛka nsenkyerɛnee ne anwonwadeɛ koraa, aseɛ ne sɛn?

Ɔbarima bi a, ɔkyerɛkyerɛ nsenkyerɛnee ase wɔ ɛyɛ brofo kasa mu,

a ne din de C.S. Lewis, sɛe na ɔkyerɛ aseɛ wɔse:

Yɛka nsenkyerɛnee anaa sɛ miracle a,

"this is an interference with nature by supernatural power."

Nea ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ ne sɛ, sɛdeɛ Ɔnyankopɔn,

ɛbɔɔ suɔ, anaa sɛdeɛ ɔsi bɔɔ adeɛ sɛnea teɛ no,

Sɛ biribi wɔ hɔ no ma sɛ, sɛdeɛ wɔsi abɔ no no,

Sɛ etumi sesa, anaa sɛ ɛdane wɔ kwan bi so,

a nnipa fam deɛ, saa deɛ nka entumi nsia, ɛno na yɛfrɛ no sɛ nsenkyerɛnee.

Kyerɛ sɛ, ɛyɛ tumi bi na ɛtumi adane no ama nadane biribi a nnipa fam

ɛbro yɛn teaseɛ so. Ɛno ɛna ɛyɛ nsenkyerɛnee.

Inti ɔse, "this is an interference with nature by supernatural power,

and in a broad sense, this is something that the laws of nature

could not do in their ordinary course."

Sɛ wɔhwɛ sɛdeɛ abɔdeɛ Nyame se bɔɔ adeɛ no a,

na mefa no sɛ, nsuo da ho, okay,

na nsuo ɛtɔ ɛfiri wim anaa sɛ mefa no sɛ nsuo ɛtɔ,

Deɛ wɔbɛhunu ne sɛ, nsuo tɔ na afei mogya ɛna ɛtɔ.

Ah, saa w'ohwɛ a, abɔdeɛ ɛsu no, emogya ntɔ firi so.

Enti saa w'ohun sɛ nsuo ɛtɔ na adeni mogya ɛna ɛba prɛko pɛ a,

ɛnie na ɛyɛ adeɛ bi esieda a yɛfrɛ no nsenkyerɛnee. Woahunu?

Enfa toɔ baako a mɛtumi ɛde ama wo wɔno.

Na yɛbisa sɛ, ɛnnɛ yɛn yɛn mprɛ so, Ɔnyankopɔn,

ɔyɛ nsenkyerɛnee anaa? Ɔyɛ nsenkyerɛnee anaa?

Efise asɛmbisa no kɔgyina mmienu, ebi se Nyame tumi yɛ nsenkyerɛnee,

ebi is nso se Nyame nnyɛ nsenkyerɛnee ɛnnɛ.

Na yɛmisa yɛn ho sɛ, sɛn na twerɛkronkron no se ɛka?

Wɔ yɛn yɛn mprɛ so.

Ɔse, God's power is not limited. Ɔnyankopɔn tumi a ɔwɔ no,

Eni ano. Engasa Nyankopɔn tumi apyim sɛ,

enti Nyame ontumi nyɛ biribi, okay?

He can perform miracles at any time he chooses to do so.

Ebere biara a Ɔnyankopɔn bɛka sɛ, mepɛ sɛ meyie nsenkyerɛnee ne anwonwadeɛ deɛ no,

Awurade bɛtumi aye.

Awurade bɛtumi aye.

Sɛ w'ohwɛ mu a, Nyankopɔn ayɛ nsenkyerɛnee a ɛyɛ kɛseɛ pa

ɛwɔ adebɔ mfitiaseɛ.

Sɛ w'ohwɛ kenkan Genesis ti baako ne mmienu no a,

nsenkyerɛnee a Nyankopɔn yɛɛ yɛ, wɔ nnensa,

ɔbɔɔ soro ne asase ne deɛ wɔmu nyinaa ansa na ɔbɛbɔ onipa no,

yɛn Awurade biara yɛ nsenkyerɛnee ne anwonwadeɛ a onipa nteaseɛ mu no,

ɔgyina ho a ontumi nte aseɛ.

Sɛ Ɔno ara na ɔkae sɛ, asase yam mmra na asase aba,

epom mra na epoa mra tɔ hɔnom, okay?

ɛwrem nuya emfifi na aba, epom pata mmra na aba,

wei nyinaa ɛyɛ nsenkyerɛnee ne anwonwadeɛ a Ɔnyankopɔn ayɛ.

Na saa tumi kuta Awurade no, obiara nni hɔ no ma ɔbɛtumi asoa no.

So, what we are saying is that God's power has no limitation.

Ɔnyankopɔn tumi ekuta no no, enie ɛyɛ ano deɛ biara da.

Sɛ yɛfa adebɔ akyi a, Ɔnyankopɔn san yɛɛ nsenkyerɛnee bebree wɔ Israel foɔ pɛn so,

wokenkan Exodus nwoma no ti 1, 2, 3 ne 4 ɛkɔ,

wobɛhunu nsenkyerɛnee ahodoɔ ahodoɔ a Ɔnyankopɔn yɛe,

nkankanja ti 1, 2, 3, 4 kɔ, nsenkyerɛnee ahodoɔ a Ɔnyankopɔn ayɛ wɔ hɔ.

Nyankopɔn nam ne ba Yesu Kristo so nso yɛɛ nsenkyerɛnee ahodoɔ bebree.

Na anwonwadeɛ kɛseɛ a Awurade yɛe nam Yesu so,

ɛne sɛ Awurade Yesu Kristo wueɛ, na ne nnansa so, ɔsan sɔreɛ.

Ebi koraa mada. Sɛ onipa wuye, edi nnansa,

na obi annyina hɔ koraa nnka sɛ, mepɛ sɛ onipa wei mbra

na ɔno ara ankasa asɔre firi nsa wuo mu aba no, ɛyɛ nsenkyerɛnee a ɛyɛ anwonwadeɛ.

Enti w'ontumi nka sɛ Nyankopɔn nnyɛ nsenkyerɛnee.

Nyankopɔn tumi no, ɔbɛtumi ayɛ biribiara a ɔpɛ biara.

Asɛmbisa yi bisa ne sɛ, ɛnnɛ da yi, Ɔnyankopɔn da so yɛ saa nneɛma no anaa?

Nea mɛka ne sɛ, Sɛ Nyame pɛ sɛ ɔyɛ a, ɔbɛyɛ. Biribi nsi ne kwan.

Yesu wɔ adwene sɛ, ɛnyɛ nsenkyerɛnee ne anwonwadeɛ na mepɛ sɛ meyɛ ɛnnɛ mberɛ yi,

ɛneɛ ɔnyɛ. Obiara nso ntumi mfa nnyɛ Ɔnyankopɔn sɛ nea ɔmpɛ sɛ ɔbɛyɛ no, ɔbɛyɛ.

Ɔne ne tumi nyinaa ɛyɛ ne deɛ.

Nneɛma mmienu na mepɛ sɛ w'ohwɛ n'anso.

Sɛ Nyame yɛ anwonwadeɛ ne nsenkyerɛnee ɛnnɛ anaa sɛ ɔnyɛ, nneɛma mmienu nso.

Ɛkwan a Ɔnyankopɔn fa so ɛne nnipa mma ɛdi nkitaho, anaa sɛ,

how God interact or interfere with human affairs no,

ɛkwan mmienu no Ɔnyankopɔn fa so na ɔyɛ ne ho ɛdi ɛkyerɛ nnipa.

Deɛ ɛdi kan no, ɛyɛ miraculous interference.

And non-miraculous interference ɛneɛ ɛtɔ so mmienu.

Deɛ ɛdi kan ne sɛ, Ɔnyankopɔn ɛyi ne ho adi nam nsenkyerɛnee ne anwonwadeɛ a ɔyɛ so ɛmma nnipa mu.

Deɛ ɛtɔ so mmienu ne sɛ, Nyankopɔn kɔso a ɛyɛ adwuma wɔ onipa mma mu,

na ɛnso so no, ɔnyɛ nsenkyerɛnee ne anwonwadeɛ.

Nanso still Ɔnyankopɔn ɛwɔ ɛbɔ ne nnipa mu, kyerɛ sɛ ɔkɔso yɛ adwuma wɔ onipa mu.

Saa kwan mmienu yi, ɛne efiri sɛ Nyame bɔɔ adeɛ firi Adam pɛn so bɛpɛm yɛn pɛn so,

Nyame ne ne nnipa tenae. Na sɛ w'ohwɛ mu a,

The, obroni ka sɛ non-miraculous means no,

sɛ ɔnyɛ nsenkyerɛnee ne anwonwadeɛ no,

ɛdɔɔso paaa ɛsen anwonwadeɛ a Ɔnyankopɔn ɛde edi ne ho adi ɛkyerɛ nnipa.

Ɛno na nnipa nnim. Nnipa bebree te Ɔnyankopɔn din anaa sɛ yɛse yɛbɔ Nyame din wɔ ha no

ma adeɛ ba ne tirim ne sɛ: Mɛkɔpɛ nsenkyerɛnee.

Nyame ɔnyɛ n'adwuma saa. Ɔnyɛ toy no wa dane dane no, daabi.

Ɔnyankopɔn ɛna akwan ahodoɔ mmienu so ɛne ɔne onipa mma ɛnante.

Sɛ ɔbɛyi ne ho adi wɔ nsenkyerɛnee kwan so,

anaa sɛ still Nyame ne yɛn nante, ɔbɛtumi ne yɛn nante wɔ berɛ a ɔnyɛ nsenkyerɛnee,

na ɛnso so no, ɛkɔm de wo a, ɔbɛma wo aduane yɛde. Okay?

Wo yare a, Ɔnyankopɔn bɛsa wo yaadeɛ a ɛnyɛ anwonwadeɛ kwan so.

Yɛbɛhwɛ saa nneɛma mmienu nyinaa.

Yɛnhwɛ Ɔnyankopɔn, God's miraculous intervention,

kwan a Ɔnyankopɔn fa anwonwadeɛ kwan so na ɔyɛ adwuma wɔ onipa bi emu.

Deɛ ɛdi kan nie. Nneɛma mɛtumi aka sɛ ɛyɛ anwonwadeɛ kɛseɛ

a Ɔnyankopɔn da ne die wɔ onipa ba mu paaa,

ɛne Kristo Yesu awoɔ a yɛwo no no.

Me nnuanom, ebi koraa nsi da, sɛ Ɔbaa a ɔbarima nka ne ho etumi nyinsɛn na wɔawo.

Wei yɛ anwonwadeɛ ne nsenkyerɛnee kɛseɛ a science ɛkwan ntumi mprove.

Sɛ Mary nko ara bɛtumi anyinsɛn, na w'atumi awo wɔ berɛ a ɔbarima nka ho.

Na saa adeɛ yi ɛyɛ adeɛ a, ɛyɛ anwonwadeɛ kɛseɛ wɔ wiase,

a na ebi nsi da, na ebi nso ntumi nsi bio, ɛyɛ Ɔnyankopɔn anwonwadeɛ.

Ɛnnɛ sɛ yɛhwɛ science a, yɛtumi nyɛ biribi a yɛfrɛ no test-tube babies,

sɛ yɛbɛtumi anyinsɛn apɔla wɔ tɔɔ mu,

na yɛtumi ayɛ akwalaa no wɔ tɔɔ mu na ama wɔabɛnyini na w'ayɛ onipa.

Ɛnnɛ science tumi yɛ, ɛneɛ yɛfrɛ no test-tube babies.

Na deɛ science yi yɛ no, gyesɛ ɔnya Ɔbaa kosua ɛne Ɔbarima kosua,

wode frɛ no saa? Ɔbaa ne Ɔbarima, nkosua no, ɛka mmienu bom,

ɛmma nkwa bɛmu onipa no hyɛ aseɛ sɛ ɔfɔrmo,

ansa na wɔde ato saa test-tube no mu, w'ohu?

Ɔmo fɔrmo mmienu no wɔ test-tube no mu ansa na saa onipa yi ababa yɛ onipa.

Enti sɛ w'ohwɛ mu a, ɛkwan a Ɔnyankopɔn asie, akwalaa mɛba wiase no,

ɛno ara na science ɛyɛ, nanso nso no, ɛse sɛ ɛbɛyɛ no Ɔbaa no yam no,

wɔnom ɛyɛ no test-tube mu. Enti w'ohwɛ a deɛ science yi yɛ na ɛnyɛ nsenkyerɛnee,

ɛyɛ kwan a Nyame asie ɛmma fa so sɛ ɔbarima hu nsuo ne ɔbaa hu nsuo bɛhyia

na adane onipa no, ɛno ara na science ɛyɛ, ɔkɔfa ɔbarima ne nsuo

na wa fa ɔbaa no nso ne nsuo na ɔde agu tɔɔ mu na adane test-tube baby.

Yɛno no ɛnyɛ anwonwadeɛ ne nsenkyerɛnee. But Yesu Kristo deɛ no deɛ,

ɛyɛ anwonwadeɛ kyerɛ sɛ, ɛyɛ Ɔbaa nkuto, ɛna etumi nyinsɛn ɛwoɔ no.

Afei, anwonwadeɛ bio wɔ, Twerɛ no mu, yɛbɛka ho asɛm.

Anwonwadeɛ ne nsenkyerɛnee bebree na Ɔnyankopɔn ayɛ wɔ Twerɛkronkron no mu,

nam ne Doba Yesu Kristo ne n'asomafoɔ no so.

Na yɛntumi nkan nyinaa ɛberɛ enti.

Neɛ ɛtɔ so mmienu a yɛbɛka, ɛyɛ ɔbarima bi a yɛfrɛ no Lazarus,

a wɔno sɛ wokan ne ho asɛm, ɛwɔ Yoane ti a ɛyɛ 11 no.

Saa Lazarus yi, ɛyɛ onipa a, ɔtenaseɛ pɛn, na ɔwuye.

Na ɔwuye edi ɛnnan. Na ɛno ɛkyidie na Yesu Kristo ebaeɛ

ɛbɛnyane saa Lazarus yi a ɔwuu nnan efiri awofoɔ mu,

a ɛno nso yɛnte nni mpɛnyin sem da. Sɛ onipa wu nnan, ɛberɛ a onipa,

onipa wu koraa na adeɛ tye ne nnansa no w'afee aseɛ na pompa abam na ɔbon.

Gyesɛ, yɛde nnoɔma esiesie no.

Lazarus edi nnan wɔ adakammene mu, nanso Awurade Yesu Kristo sa ma ne ba nkwa mu bio,

ɔbɔɔ ne din koraa sɛ Lazarus, sɔre, okay?

Ɔse motye bɛbi a ɔgyina tɔ yɛ, monye buo no, Lazarus sɔre bra nkwa mu bio,

na Lazarus asɔre. Wei ɛyɛ anwonwadeɛ.

Saa nneɛma a meka nyinaa momfa ntoto ɛnnɛ, saa asofoɔ ne pastorfoɔ

ne wɔm a wɔm frɛ wɔn sɛ man of God no, momfa saa ansenkyerɛnee a yɛka wɔ twerɛ mu no

ntoto ho, na mmisa wɔn ho sɛ nea wɔn yɛ no di bi ne asɛm a meka yi tan anaa?

Me nnuanom, Lazarus a ɔwuu nnan, Yesu onyane no, ɛne yɛfrɛ no sɛ asenkyerɛnee.

Wei yɛ, supernatural, interference, with nature.

Sɛ tumi bi, w'ohu, adane sɛdeɛ abɔdeɛ ɛso ɛsitiɛ.

Abɔdeɛ su ne sɛ, wuwua wunnsɔre bio, w'awu. But tumi bi etumi aba adane no asɔre.

Abɔdeɛ su ne sɛ, gyesɛ ɔbarima na ɔbaa hu nsuo ne sheda ansa na nyinsɛn etumi aba.

But tumi bi adane no ama yɛannya ɔbarima hu nsuo, barba Ɔbaa no nko ara etumi anyinsɛn.

Wei na yɛfrɛ no nsenkyerɛnee, ɛnyɛ nea ɛkɔso ɛnnɛ yi. Me nnuanom.

Nsenkyerɛnee bio wɔ a yɛbɛka ho asɛm, ɛwɔ ɔbarima bi a ne mame wo no no nyinaa na ne ni efra.

He was born blind. Ne ni efra wɔ ne mame yem ansa na wɔwo no ato ɔma wɔnyini ayɛ panin

na ne ni ntumi mmie da. Deɛ nnipa nim ara ne sɛ ne feani na ɔte wɔnom ma ɔsrɛsrɛ adeɛ no,

deɛ nim ara no no. Ne din mpo koraa no yɛnnim, deɛ yɛka ne sɛ, Ɔwura a na ne ni efra no.

Saa onipa yi, Yesu Kristo hyiae n'eda koro, okay?

Ɛnyɛ ɔno ɛna ɛsrɛ Yesu sɛ ɔbɛtse ne ani o, montie no yie!

Ɛna Yesu so amfra sɛ mongɔfrɛ Ɔwura no mbra na mensa ne yaadeɛ.

Montie no yie na monhu nsenkyerɛnee a ɛkɔso nnɛ ne Bible mu deɛ ɛvidi fri seɔmo.

Yesu ne ne asuafoɔ nam, ɛna wɔmo kɔto saa ɔbarima yi sɛ ɔte kwan.

Ɛna ne asuafoɔ no ebibisa Awurade sɛ: Awurade, ne se den na saa ɔbarima yi yɛwoo no ne freeni?

Deɛ bɔne na ne papa ne ne mame yɛeɛ a ɛno enti no yɛwoo no nyinaa wɔyɛ ne freeni?

Enti asomafoɔ no koraa nim sɛ saa nipa no yɛwoo no nyinaa ɔyɛ ne freeni!

Awurade ste: Ɛnyɛ sɛ ne papa ne ne mame bɔne enti ne ni efra, mmom sɛdeɛ bɛyɛ Ɔnyankopɔn

nsenkyerɛnee bɛda di sɛ ɛnnɛ mobɛhu sɛ Ɔnyame tumi sitie enti ɛna Ɔwura ani efra bɛpɛm Ɔnnɛ.

Na ɔse ɔkasa saa no, ɔde nteesu gu fɔm, ɛna ɔde ne nsa fifa ɛyɛ dɔteɛ so

dɔteesu ne dɔteɛ no, no ɔde fa abrantie ne ni so. Ka kyerɛ abrantie no sɛ kɔ kɔruɔ w'anim wɔ nsuo Siloam mu.

Me nnuanom, ɔne abrantie kasa nyinaa na abrantie ne ni efra. Abrantie no ɛnne nko ara na ɔte,

onim wɔni kro a ɔgyina ne nim no. Yesu anka ankyerɛ no sɛ, bɛma gye di ansa na matue w'ani,

sɛdeɛ nnɛ foɔ no keka no. Wontumi annya wɔse, ah, wonni gyidi enti na me ɛyi wo ho antɔ wo.

Me nnuanom,